Luke 17

Bɔne, gyidi ne asɛde

1Da bi Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafo no se, “Ɛyɛ dɛn ara a sɔhwɛ a ɛde onipa kɔ bɔne mu no bɛba, nanso onipa a ɛnam no so bɛba no, onnue. 2Eye ma saa onipa no sɛ wɔde ɔbo a emu yɛ duru bi bɛsɛn ne kɔn mu atow no akyene po mu sen sɛ ɔbɛto nkumaa yi mu baako hintidua ama wayɛ bɔne. 3Enti monhwɛ mo ho so yiye. Sɛ wo nua fom wo a, ka nʼanim na sɛ onu ne ho a, fa ne bɔne kyɛ no. 4Sɛ nso ɔfom wo mpɛn ason da koro na mpɛn dodow a ɔfom wo no nyinaa, ɔde ahonu srɛ wo a, fa kyɛ no.”

5Da bi, asomafo no ka kyerɛɛ Yesu se, “Awurade, hyɛ yɛn gyidi mu den.”

6Yesu buaa wɔn se, “Sɛ mowɔ gyidi te sɛ onyaa aba a, anka mubetumi aka akyerɛ ankye yi se, ‘Tutu kogu po mu,’ na ɛbɛba mu saa. 7Mo mu hena na ɔwɔ ɔsomfo a ɔyɛ nʼafum adwuma anaasɛ ɔhwɛ ne mmoa na ofi afum ba a, ɔbɛka akyerɛ no se, ‘Wʼaduan si hɔ na kodidi?’ 8Na mmom ɔrenka nkyerɛ no se, ‘Noa aduan ma me na sɛ mididi wie a, wo nso woakodidi?’ 9Sɛ ɔsomfo yi yɛ nʼasɛde yi a, ne wura no bɛda no ase anaa? 10Saa ara nso na sɛ mo nso moyɛ mo asɛde a, ɛsɛ sɛ moka se, ‘Yɛyɛ asomfo a ayeyi mfata yɛn, yɛn asɛde a ɛsɛ sɛ yɛyɛ na yɛayɛ no.’ ”

Akwatafo du no ayaresa

11Bere bi a Yesu rekɔ Yerusalem no, ɔfaa Samaria ne Galilea hye so. 12Ɔrebɛn akuraa bi ase no akwatafo du bi a na wogyinagyina kurotia no huu no 13teɛteɛɛm se, “Yesu, yɛn wura, hu yɛn mmɔbɔ.”

14Yesu huu wɔn no, ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Momfa mo ho nkɔkyerɛ ɔsɔfo!” Bere a akwatafo no rekɔ no, wɔn ho yɛɛ wɔn den.

15Wɔn mu baako hui sɛ ne ho ayɛ no den no, ɔsan nʼakyi de ahurusi yii Onyankopɔn ayɛ se, “Anuonyam nka Onyankopɔn, wama me ho ayɛ me den!” 16Ɔbɛkotow Yesu anim daa no ase. Na saa ɔbarima yi yɛ Samaria ni.

17Yesu bisae se, “Ɛnyɛ nnipa du na wɔn ho yɛɛ wɔn den? Baakron a wɔaka no wɔ he? 18Adɛn nti na ɔmanfrani yi nko na wasan aba sɛ ɔrebeyi Onyankopɔn ayɛ?”

19Yesu ka kyerɛɛ no se, “Sɔre kɔ; wo gyidi ama wo ho ayɛ wo den.”

20Da bi Farisifo bi bisaa Yesu se, “Bere bɛn na Onyankopɔn Ahenni no bɛba?” Yesu buaa wɔn se, “Onyankopɔn Ahenni no nnam nsenkyerɛnne bi a mubehu so na ɛbɛba, 21na obi rentumi nkyerɛ mo se, ‘Ɛwɔ ha anaa ɛhɔ!’ Efisɛ, Onyankopɔn Ahenni no te mo mu.”

22Na ɔka kyerɛɛ nʼasuafo no se, “Mmere bi bɛba a mo ani begyina sɛ mubehu me bere tiaa bi wɔ mo nkyɛn nanso morenhu me. 23Sɛ nnipa ka kyerɛ mo se mewɔ ha anaa baabi foforo a, munnni wɔn akyi. 24Sɛnea anyinam pa gya wɔ wim ma nnipa nyinaa hu no, saa ara nso na me ba a mɛsan aba no, bɛyɛ. 25Nanso ansa na eyinom nyinaa bɛba mu no, ɛsɛ sɛ mihu amane na me nkurɔfo nso po me.

26“Sɛnea Noa bere so nnipa yɛɛ asoɔden no, saa ara nso na sɛ meba a, ɛbɛyɛ ne no. 27Saa bere no, nnipa didii, nomee, warewaree kɔsii sɛ Noa kɔhyɛɛ hyɛn no mu na nsuyiri bɛfaa saa nnipa no nyinaa.

28“Saa ara nso na Lot bere so no, na ɛte. Nnipa didii, nomee, dii gua, yɛɛ mfuw, sisii adan, 29kosii sɛ Lot fii Sodom na ogya ne sɔfere fi soro bɛhyew saa nnipa no nyinaa. 30Saa ara nso na da a mɛsan aba no, ɛbɛyɛ.

31“Saa da no, ɛnsɛ sɛ obiara a ɔwɔ adwuma mu, afuw mu anaa gua so san nʼakyi ba fie sɛ ɔrebɛsesaw nʼahode. 32Monkae asɛm a ɛtoo Lot yere. 33Obiara a ɔdɔ ne kra no, ebefi ne nsa. Na nea ɔbɛhwere ne kra no, benya. 34Da no, wɔbɛfa nnipa baanu a wɔda faako no mu baako agyaw ɔbaako. 35Saa ara nso na wɔbɛfa mmea baanu a wɔrenoa aduan no mu baako agyaw ɔbaako. 36Mmarima baanu a wɔreyɛ adwuma wɔ afum no nso, wɔbɛfa ɔbaako agyaw ɔbaako.”

37Asuafo no bisaa Yesu se, “Awurade, ɛhe na wɔde wɔn bɛkɔ?” Yesu buaa wɔn se, “Baabi a efunu wɔ no, apete mpa hɔ!”

Copyright information for TwiNAK